Job 25

Bildad Mmuae A Ɛto So Abiɛsa

1Na Suhini Bildad buae se,
2 “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn;
ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.

3 Wobetumi akan nʼakofo ana?
Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so?

4 Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim?
Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn?

5 Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn
na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a,

6 na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa,
onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!”
Copyright information for TwiAKNA